Song of Solomon 8


1Sɛ anka woyɛɛ me nuabarima
a wunum me na nufu ano,
na mihuu wo wɔ abɔnten so a,
anka mefew wʼano,
a obiara rentumi mmu me animtiaa.

2 Anka medi wʼanim
na mede wo aba me na fi,
ɔno a wakyerɛkyerɛ me.
Anka mɛma wo bobesa a wɔde pɛprɛ afra mu,
me ntunkum mu nsu dɔkɔdɔkɔ no bi.

3 Ne nsa benkum da mʼatiko
na ne nsa nifa aka me afam ne bo.

4 Yerusalem mmabea, mehyɛ mo sɛ,
morennyan na morenhwanyan ɔdɔ mu
kosi bere a ɛsɛ mu.

Nnamfonom:


5 Hena na ofi sare so reba a
otweri ne dɔfo koko mu yi?

Ababaa:

Mekanyan wo wɔ aprɛ dua no ase;
ɛhɔ na wo na nyinsɛnee wo,
ɛhɔ na nea ɔkoo awo no woo wo.

6 Fa me to wo koma so sɛ nsɔwanode,
sɛ nsɔwanode wɔ wʼabasa so,
efisɛ ɔdɔ ano yɛ den sɛ owu,
ne ninkutwe tim hɔ sɛ ɔda.
Ɛhyehye sɛ ogyatannaa,
sɛ ogyatannaa a ano yɛ den pa ara.

7 Nsu dodow rentumi nnum ɔdɔ;
nsubɔnten rentumi nhohoro nkɔ.
Sɛ obi de ne fi ahonya nyinaa bɛsesa ɔdɔ a
anka wɔremmu no ade a ɛsom bo.

Nnamfonom:


8 Yɛwɔ nuabea akumaa bi a,
ne nufu mmobɔɔ ɛ.
Dɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabea yi
wɔ da a wobebisa no ase?

9 Sɛ ɔyɛ ɔfasu a,
yebesi dwetɛ abantenten abɔ ne ho ban.
Sɛ ɔyɛ ɔpon a,
yɛde sida besiw ne pon ano kwan.

Ababaa:


10 Meyɛ ɔfasu,
na me nufu te sɛ abantenten.
Enti nʼani so no mayɛ sɛ obi a
ɔde nea ɛsɔ ani reba.

11 Na Salomo wɔ bobeturo wɔ Baal-Hamon;
ɔde ne bobeturo no maa apaafo.
Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara tua no
nnwetɛbona apem.

12 Nanso me bobeturo yi yɛ me de.
Me de, meremfa mma;
Salomo de ne de gye nnwetɛbona apem,
na otua nʼapaafo nnwetɛbona ahannu ma wɔhwɛ ne nnuaba no so.

Aberante:


13 Wo a wote turo no mu
ne nnamfonom a wɔka wo ho,
ma mente wo nne.

Ababaa:


14 Bra ma yɛnkɔ, me dɔfo,
na yɛ wo ho sɛ ɔdabɔ ba
anaasɛ ɔforote ba a
ɔwɔ mmepɔw a nnuhuam ahyɛ so ma so.
Copyright information for TwiAKNA